KWATI A WƆKWATI SƐ WƆBƐKWATI

David Gnam: Dramatization of daughter and grandchildren being shunned

Nansa nhyiamu a wato din “Di Yehowa Nokware Daa” bi kɔɔ so wɔ Ghana August 12 – 14, 2016. Yehowa Dansefoɔ bi deɛ ɛnyɛ ‘honhom fam aduane’ no nti na na wɔwɔ hɔ. Ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ sɛnea Adansefoɔ afoforɔ bɛyɛ wɔn adeɛ wɔ kasa a wakyekyem a ɛhyɛ nkuran sɛ wɔnkwati afoforɔ a wato din “Di Yehowa Nokware na Gye N’atemmu Tom” no. Ne suahunu yi yɛ nea ɛbɛyɛ ebinom nwanwa. Nanso wɔ wɔn a kane no na wɔyɛ Yehowa Adansefoɔ fam no, suahunu yi bɛtumi ahyɛ nkuran paa.

Bere a nnwom ho video no refiri aseɛ ara pɛ na meduu Nyiamu Asa hɔ. Metotoo mani hwehwɛɛ beaeɛ a ɛyɛ atena. Metenaa asa a ɛtɔ so mmienu no so. Metenaa ɔbaa bi a wadi bɛyɛ mfeɛ 60 nkyɛn ara pɛ na mekyea no “Maakye”. Na abaayewa bi a ɔmmoro mfeɛ 20 te ne nkyɛn.

Avoidjw.org adaworoma nti na wahwɛ nhyiamu no kasa ahoroɔ ne video no nyinaa dada. Mete hɔ nyinaa na me krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa no nyinaa gu m’afidie so. Metenaa hɔ dinn a meretwɛn sɛ metie nea wɔbɛkan afiri ‘outline’ no mu na masan ahwɛ sɛnea atiefoɔ no bɛyɛ wɔn adeɛ wɔ kasa ahoroɔ a ɛhyɛ ‘kwati a wɔkwati wɔn a watu wɔn’ ne ‘nokware a wɔdi ahyehyɛdeɛ’ no ho.

Sɛɛ na merebɛhu ‘kwati a wɔkwati biribi’ wɔ ɔkwan bi a menhwɛɛ kwan saa so. Saa nso na na menhwɛ kwan sɛ Yehowa Adansefoɔ no mu baako de ɔpɛ a Onyankopɔn de ama no no bɛpaw nea ɛyɛ ma ɔno ankasa.

Dwumadie no mfitiaseɛ pɛɛ no, ɔkasafoɔ biara yɛɛ nadeɛ sɛ abaduaba bi. Wɔdii krataa a ‘akwankyerɛ kuo’ no de ama wɔn no akyi pɛpɛɛpɛ. Na ahomete sɛ mɛtena hɔ atie saa ‘nsɛmhunu’ no. Anikasɛm ne sɛ na mayɛ me ho aduro dada ama nsɛmhunu no nyinaa.

Nyiamufoɔ no deɛ, wɔn adwene ara ne sɛ na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔretie akwankyerɛ afi ‘Onyankopɔn’ hɔ. Wɔtenaa ase dinn tie kasa ahoroɔ ne video ahoroɔ no na wɔbɔɔ wɔn nsam wɔ emu biara awieɛ.

Nnɔnhwere 2.75 akyi no, Fiada anɔpa ateetee dwumadie no baa nawieɛ. Awia adwumadie no firii ase na mebɔɔ mmɔden paa sɛ mentɔ nko. Awieɛ koraa no, bere soo sɛ wɔma ‘kwati’ kasa ahoroɔ no. Kasa ahoroɔ a ɛhyɛ ‘kwati a wɔkwati wɔn a watu wɔn’ ho nkuran no yɛ kasa a ɛtɔ so 14 kosi 16. Na kasa,a,wakyekyem yi asɛmti ne “Di Yehowa Nokware na Gye N’atemmu Tom”.

Na me ho repere me sɛ mehu sɛnea me mfɛfoɔ Ghanafoɔ bɛyɛ wɔn adeɛ wɔ ‘kasa ahoroɔ a ɛhyɛ nkuran ma wɔkwati wɔn a,watu wɔn’ no ho. Kasa a edi kan wɔ saa kasa a wɔakyekyem no mu no wɔyii video a edi kan no. Nea ɛyɛ nwanwa no obiara ammɔ ne nsam. Wei yɛ nwanwa efisɛ Ghana aha deɛ wɔbɔ wɔn nsam wɔ video biara akyi. Sɛ nso nsɛm a wɔbisabisa anaa ɔyɛkyerɛ. Wei deɛ na ɛyɛ soronko. Obiara ammɔ ne nsam. Ɔkasa no akyi mpo no atiefoɔ no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ wɔn nsam.

Kasa a wɔakyekyem yi fa a ɛtɔ so mmienu no mu no, bere a ɔkasafoɔ no kaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔkwati wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no, mehuu sɛ mmaa mmienu yi yɛɛ basaa. Wɔyii video a ɛtɔ so mmienu no. Nea esii wɔ ɛno akyi no yɛ anigyesɛm a menhyia bi da wɔ nhyiamu a makɔ nyinaa ase. Bere a wɔ video no mu no wɔkaa sɛ watu ɔbaa no, mehuu sɛ mmaa mmienu yi rehwɛ wɔn ho anim. Bere a agya no ‘pam’ ne ba no firii fie no, mmaa no mu deɛ ɔnyem no sɔɔ panin no nsam dendenden. Afei ɔde nne a emu yɛ den kakra kaa sɛ, “Wo nso wobɛpam me anaa?”

Ɛhu a ɔbaa kumaa a wanyinsɛn yi de kaa asɛm no bɔɔ me hu. Wei maa Ɔwɛn-Aban asafo no akwankyerɛ a ɛse ɛnsɛ sɛ wɔne obi a watu no no baa madwene mu. Nanso maame no mmuaeɛ no kaa makoma too me yam.

Ɔbuae sɛ: “Mɛyɛ dɛn atumi apam me ankasa ba?. Menyɛ na mentumi mpam me ba mfi ɔno ankasa fie!. Ɛyɛ wo nso fie. Me na mede wo baa wiase. Meyɛ wo maame. Wo yɛ me ba na mennyaw wo nko da. Medɔ wo na mfa ho deɛ ebesi biara mɛkɔ so adɔ wo”
Saa bere yi na mehuu abusuabɔ a ɛda wɔn ntam. Wɔyɛ maame ne ɔba. Mebɛhuu nso sɛ na watu deɛ ɔnyem no. Nne a maame no de kasae no ka koma to yam na ɛhyɛ nkuran nso. Sɛnea maame no sɔɔ ne ba no nsam den kasae no te sɛ nea ɔreka akyerɛ no sɛ, ‘ Obiara anaa ahyehyɛdeɛ biara ntumi mma mempaw ɔsom ne me babaa mu baako da’

Saa ‘mmaa akukodurofoɔ’ mmienu yi tee ahyehyɛdeɛ no asɛm so atua wɔ nnipa pii anim.

Wɔ saa video yi nso, obiara ammɔ ne nsam na saa nso na wammɔ wɔn nsam wɔ video a ɛtwa toɔ no nso akyi. Mennim nea nti a wɔammɔ wɔn nsam nanso mesusu sɛ ɛyɛ kwan a wɔde kyerɛ sɛ wɔn ani nhyɛ da nnye wɔn a wɔatu obi ne ‘wɔn a wɔayɛ mmerɛ’ a wɔhyɛ sɛ wɔnkwati wɔn no ho. Mehuu no sɛ ɛyɛ ‘kwati a wɔkwati sɛ wɔbɛkwati wɔn a watu wɔn’

Mmerɛ tenten yi akyi no, ɛda no baa awieɛ a anigyeɛ ahyɛ makoma mu ma sɛ mehuu sɛ maame no ne ne ba a ɔnyem a watu no no sɛ wɔn asɔ wɔn nsa refiri nhyiamu asa no so, biribi a etia ahyɛde a ɛne sɛ WƆNKWATI NO.

Wɔdaa no adi wɔ obiara anim sɛ ɔdɔ kann wɔ hɔ ankasa. Wɔn asafo mu mpanimfoɔ ani nnye ho. Akwankyerɛ kuo no nso ani nnye ho nanso wɔkyerɛɛ sɛ ‘Kɔhye po’. Wɔdaa su a onipa biara a wɔnim nyansa bɛda no adi no adi : ƆDƆ.

Nea wɔyɛɛ yi kyerɛ me sɛ ɛnyɛ adansefoɔ na wɔdi anaa wɔbɛdi obi anaa biribi akyi saa. Saa nkurɔfoɔ yi ‘nyan’ anaa wɔnnim sɛ wɔwɔ sum ase kuo a ɛhyɛ nnipa so mu deɛ nanso ɛnyɛ den sɛ daakye wɔbɛnyane. Ɛno nti momma yɛmpa aba!. YƐNKƆ SO NKO! na yɛmmoa afoforɔ mma wɔnyane mfi sum ase kuo a ɛsɛe adeɛ a ‘Ɔwɛn-Aban’ asafo no taa akyire no mu.