“Tena ase te sɛ nea ɔkyena wobɛwu. Sua adeɛ te sɛ nea wobɛtena ase daa” – Mahatma Ghandi.

Asɛm a Ghandi kae yi ho nhia YehowavAdansefoɔ ahe biara. Wɔgyidi sɛ ɔkyena nko ara wiase bɛtumi asɛe nanso wɔtena ase te sɛ nea wiase nsɛe. Wɔsan gye di sɛ wɔbɛtena ase daa nanso mpɛn pii no wɔde wɔn nwomasua si ntoasoɔ sukuu.

Pew nhwehwɛmu a wɔyɛɛ wɔ Adansefiɔ 241 daa no adi sɛ na wɔn mu ɔha mu nkyekyɛm 12 pɛ na wɔwɔ suapɔn mu abɔdin (degree). Nea ɛne no bɔ abira no Jewfoɔ 843 mu nkyekyɛm 50 na na wɔwɔ abɔdin koro no a. Wei yɛ anikasɛm efisɛ na Yudafoɔ na wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wapaw wɔn. (Deut 14:2). Ɛnneɛ adɛn nti na Jewfoɔ bu nwomasua sen Yehowa Adansefoɔ?.

Krataa bi a Yehowa Adansefoɔ Asafo no twerɛɛ August 15, 2009 bua asɛm no. Ɛde asɛm yi na efi aseɛ :

“… yɛn nuayɛ kuo na anya kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu deɛ afi “akoa nokwafoɔ ne badwemma no” hɔ afa asiane a,ɛwɔ nwomasua a ɛkɔ akyire ho. Satan wiase yi kyerɛ sɛ nwomasua na ɛde yiedie ankasa ba. Nanso Yehowa nkurɔfoɔ deɛ obi honhom fam tebea ne honhom aba a wɔda no adi na ɛkyerɛ yiedie”.

Kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu deɛ? Krataa a ɛkasa tia nwomasua a wɔde ba wɔ sukuu afe no mfiaseɛ pɛɛ no nyɛ asɛm a ɛne asɛm hyia kɛkɛ. Ghana sukuu afe no fi ase August mfimfini kosi n’awieɛ mu hɔ baabi. Saa bere yi a wɔtwerɛɛ krataa yi yɛ ɔkwan baako a wɔfa so de kamfo ‘akoa’ no nwuma. Krataa no toa so sɛ:

“Wɔn a wɔde mfeɛ pii resua adeɛ wɔ mmeaɛ a wiase su ahyɛ hɔ ma no de wɔn ho to asiane bebree mu. Ebi ne wiase adwene a wɔnya ne wiase no adedodoɔpɛ su no a ɛma nnipa pii sɛe sika pii de kɔ sukuupɔn no.

Kan saa nsɛm mmienu yi bio.

Deɛ ɛdi kan, mfeɛ sɛn na edi na obi anya sukuupɔn abɔdin (degree). Mpɛn pii no ɛyɛ mfeɛ nnan. Mmarasua ne aduruyɛ tumi gye mfeɛ pii asen saa. Nanso mfeɛ nnan nyɛ bere tenten koraa. Sɛnea wɔkaa ‘mfeɛ pii’ no ma afoforɔ te nka sɛ asɛ obi de ne nkwa nyinaa na bɛnya saa abodin no wɔ ‘mmeaɛ a wiase su ahyɛ hɔ ma’ no. Wei yɛ sɛdeɛ asɛm no te ankasa a wakyimkyim no, nnaadaaa ankasa.

Krataa yi twerɛfoɔ yi kyimkyim nsɛm de daadaa akenkanfoɔ no bere a ɛka sɛ ‘ wiase no adedodoɔpɛ su no a ɛma nnipa pii sɛe sika pii de kɔ sukuupɔn no’. Nnipa pii no ne hefoɔ? So nnipa pii anaa kakraa bi na adedodoɔpɛ piapia wɔ ma wɔkɔ sukuupɔn? Sɛ wode wɔn a wɔkɔ sukuupɔn toto wɔn a wɔkɔ ‘kollege’ anaa ntoasoɔ sukuu ho a wobɛhu nnaadaa a ɛwɔ asɛm no mu no pefee.

Yɛretoa so no, krataa no ka sɛ:

” Nnipa pii gye tom sɛ sukuupɔn yɛ mmeaeɛ a akohwibra, atorɔ nkyerɛkyerɛ ne fekubɔne abu so paa”

‘Nnipa pii gye tom’? Na hefoɔ mu na nnipa pii gye saa tom no? Yehowa adansefoɔ mu anaa? Nyɛ saa Yehowa adansefoɔ korɔ yi ara na wɔntaa nkɔ sukuupɔn yi? Sɛ wɔnkɔɔ sukuupɔn a, wɔbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛyɛ “mmeaeɛ a akohwibra, atorɔ nkyerɛkyerɛ ne fekubɔne abu so paa”? Anaasɛ Yehowa Adansefoɔ kakra bi a wɔkɔɔ sukuupɔn no kɔhyia akohwibra, atorɔ nkyerɛkyerɛ ne fekubɔne? Ebia wɔbɛbɔɔ Adansefoɔ a wankɔ sukuupɔn no nyinaa deɛ wɔkɔhyiae no ho amaneɛ. Ebia afei asɛm no trɛɛ te sɛ egya wɔ Yehowa Adansefoɔ nsafo ahoroɔ mu ara ma ‘nnipa pii gye tom’. Nyɛ anibere a wɔde twerɛɛ krataa yi a ebia anka wobɛsusu sɛ ɛyɛ agorɔ bi.

Anka metumi atwerɛ pii afa saa krataa yi ho nanso nkwaseasɛm ayɛ mu ma ara ma sɛ metwerɛɛ pii fa ho a ɛbɛyɛ nea nyansa nnim. Nanso me pɛ sɛ meka nsɛm nnan yi twa toɔ:

  1. Krataa no twe adwene si twerɛnsɛm 47 so nanso emu biara nka sɛ sukuuɔn nyɛ
  2. Ɛka sɛ hokwan a mpanimfo ne asomfo wɔ no bɛfi wɔn nsa sɛ wɔn anaa wɔn mma kɔ sukuupɔn a
  3. Ɛka sɛ Luka ne Paulo sua wɔn nwoma no ansa na wɔrebɛyɛ Yesu asuafoɔ. Nanso nka sɛ saafoɔ yi twerɛɛ bɛboro bible no fa. Anokwa sɛ bible no fi Onyankopɔn ho a, ɛnneɛ wɔtua wɔn nwomasua so ka denam ma a wɔmaa wɔtwerɛɛ Apam foforɔ no fa kɛseɛ no.
  4. Anikasɛm ne sɛ bible mu nsɛm 47 a wɔn fa kae wɔ krataa yi mu no mu 25 fi saa mmarima nimdefoɔ yi hɔ.

“Nwomasua yɛ adwenade titiri a wɔbɛtumi de asesa wiase yi” – Nelson Mandela

Mɛsrɛ asesa Nelson Mandela asɛm no aka no sɛ:

“Nwomasua ne adwenade titiri a wɔbɛtumi de ahu Ɔwɛn-Aban no nnaadaasɛm”

Enti sua nwoma. Ahyehyɛdeɛ biara a esi ka mma wommue wo adwene a Onyankopɔn de ama wo no mfi Onyankopɔn. Sɛ nimdeɛ ma wo tumi deɛ a, nimdeɛ a wɔnni ma adwene no yɛ mmerɛ paa. Kae wei daa.